Psalms 113

Awurade nkamfo

1Kamfo Awurade!
Mo Awurade asomfo, monkamfo ne din!
2Wɔbɛkamfo ne din nnɛ ne daa nyinaa.
3Monkamfo Awurade din mfi apui nkosi atɔe.
4 Awurade di aman nyinaa so; nʼanuonyam boro ɔsoro so.
5Obiara nni hɔ a ɔsɛ Awurade yɛn Nyankopɔn.
Ɔte soro soro
6nanso ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsoro ne asase so.
7Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu.
Oyi ahiafo fi wɔn hia mu
8ma wɔbɛyɛ ahene mmabarima a wɔfra ne nkurɔfo mu nnamfo.
9Odi obonini ni wɔ ne fi ma ɔwo mma ma nʼani gye.
Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK